Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 28

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 28 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔna ɛda asase bereɛ bɔnhwa so.Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.

ASCB: 2ASCB

Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ.Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma.Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so.

ASCB: 3ASCB

Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,wɔbɛtiatia so.

ASCB: 4ASCB

Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mudeɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no,ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru.Sɛ obi hunu na ɔte aɔdi no ntɛm so.

ASCB: 5ASCB

Saa ɛda no Asafo Awuradebɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ,nhwiren abotire fɛfɛama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.

ASCB: 6ASCB

Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhomama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu.Ɔbɛyɛ ahoɔden farebaeama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano.

ASCB: 7ASCB

Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so,na nsaden ma wɔhinhim;nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentanna nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;na wɔhinhim.Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu,na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu.

ASCB: 8ASCB

Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so,na baabiara ayɛ efi.

ASCB: 9ASCB

Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho?Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa?Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa?

ASCB: 10ASCB

Ɔkasa bebree:Ɔka yei, na waka yeiɔma mmara foforɔ akyi mmara;ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.”

ASCB: 11ASCB

Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔna Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi.

ASCB: 12ASCB

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,“Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome;ahodwobea nso nie,”nanso wɔantie no.

ASCB: 13ASCB

Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio:Ɔbɛka yei, na waka yei,ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara;ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra,na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi;wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.

ASCB: 14ASCB

Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔa modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.

ASCB: 15ASCB

Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam,yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛsɛ asotwe a ano yɛ den ba a,ɛrentumi nka yɛn,ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbeane nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.”

ASCB: 16ASCB

Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,“Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion,ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ,tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den;deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu.

ASCB: 17ASCB

Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhomana teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma.Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no,na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ.

ASCB: 18ASCB

Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu;nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina.Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,ɛbɛtwi afa mo so.

ASCB: 19ASCB

Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ;anɔpa, awia ne anadwo biara,ɛbɛfa mu akɔ.”Saa nkra yi nteaseɛde ehu bɛba.

ASCB: 20ASCB

Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so.Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.

ASCB: 21ASCB

Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no.Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu noyɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no,na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no.

ASCB: 22ASCB

Afei gyae wo fɛdie no,anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ meɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.

ASCB: 23ASCB

Montie na monte me nne;monwɛn mo aso na montie deɛ meka.

ASCB: 24ASCB

Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa?Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa?

ASCB: 25ASCB

Sɛ ɔsiesie asase no ani a,ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa?Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa?

ASCB: 26ASCB

Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛna ɔkyerɛ no ɛkwan pa no.

ASCB: 27ASCB

Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho,wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so;wɔde poma na ɛboro ɛme,na wɔde abaa aboro tɛtɛ.

ASCB: 28ASCB

Wɔyam aburoo de to burodoenti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da.Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ,nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.

ASCB: 29ASCB

Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade,afutuo mu nwanwani,na ne nyansa boro so.