Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 27

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 27 Bible text

ASCB: 1ASCB

Saa ɛda no, Awurade de nʼakofena bɛtwe aso,ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam nobɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛa ɔbobɔ ne ho no aso;ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no.

ASCB: 2ASCB

Saa da no,“To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ:

ASCB: 3ASCB

Me, Awurade, mehwɛ so;megugu so nsuo ɛberɛ biara.Mebɔ ho ban awia ne anadwosɛdeɛ obiara rensɛe no.

ASCB: 4ASCB

Me bo mfuiɛ.Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me aanka mene wɔn de bɛbɔ ani;na mahye wɔn nyinaa.

ASCB: 5ASCB

Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhintana wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho,aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.”

ASCB: 6ASCB

Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim,Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛna ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.

ASCB: 7ASCB

Awurade abɔ Israelsɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa? Awurade akum Israelsɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa?

ASCB: 8ASCB

Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso.Wode mframa a ano yɛ den pam note sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.

ASCB: 9ASCB

Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie;yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara:Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔmu nketenkete,na Asera afɔrebukyiane nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio.

ASCB: 10ASCB

Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan;atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam;ɛhɔ na anantwie mma didie,ɛhɔ na wɔdeda;wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.

ASCB: 11ASCB

Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubuna mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya.Na saa nnipa yi nni nteaseɛenti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ,na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

ASCB: 12ASCB

Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.

ASCB: 13ASCB

Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so.