Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 26
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 26 Bible text
Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so:Yɛwɔ kuropɔn denden;Onyankopɔn de nkwagyeɛayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn.
Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;ɔbubu gu fam pasaama ɛda mfuturo mu.
Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no,yɛretwɛn wo;na wo din ne ne kɛseyɛyɛ deɛ yɛn akoma pɛ.
Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;anɔpa nso me honhom ani gyina wo.Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a,nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.
Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ,nanso wɔnnsua tenenee yɛ;na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔnena wɔmmu Awurade kɛseyɛ.
Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro,nanso wɔnhunu.Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo;ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn.
Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so,nanso wo din nko ara na yɛkamfo.
Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre.Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔnna yɛn werɛ afiri wɔn.
Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade;woama ɔman no ayɛ kɛseɛ;woahyɛ wo ho animuonyam;woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.
Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn;ɛberɛ a wotwee wɔn aso no,na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ.
Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka nofiri ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no,saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade.
Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea munanso yɛwoo mframa.Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so;yɛanwo nnipa amma asase so.
Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa;wɔn onipadua bɛsɔre.Mo a motete mfuturo mu,monsɔre mfa anigyeɛ nteam.Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo;asase bɛyi nʼafunu apue.
Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan muna montoto apono no mu;momfa mo ho nsie berɛ tiawa bikɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo.
Hwɛ, Awurade refiri nʼatenaeɛabɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho.Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so adi;ɛrentumi mfa nʼatɔfoɔ nsie bio.