Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 25
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 25 Bible text
Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn;mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie muayɛ anwanwadeɛ bebree,nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.
Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie,kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe;ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio;na wɔrensi bio.
Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea,ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea,ahum ano ahintaeɛɔhyeɛ mu nwununa atutupɛfoɔ ahomete sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo
ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so.Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase;sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no,saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.
Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so.Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna,ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.
Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛeowuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa hone owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so;
Ɔbɛmene owuo afebɔɔ.Asafo Awurade bɛpepaaniso nisuo nyinaa.Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora,afiri nsase nyinaa so. Awurade na waka.
Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ,“Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie;yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn; Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ;momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”
Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so;nanso ɔbɛtiatia Moab sote sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena.
Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so,sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ.Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ asea ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.