Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 24

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 24 Bible text

ASCB: 1ASCB

Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpanna wasɛe no;ɔbɛsɛe asase anina wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,

ASCB: 2ASCB

ɛbɛyɛ saa araama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa,ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ,ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa,ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ,ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea,ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.

ASCB: 3ASCB

Asase bɛda mpan koraa,na wɔafom ɛso nneɛma. Awurade na waka saa asɛm yi.

ASCB: 4ASCB

Asase so yɛ wesee, na ɛkusaewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa,deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no.

ASCB: 5ASCB

Asase so nnipa agu ne ho fi;wɔanni mmara no so,wɔabu ahyɛdeɛ no sona wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.

ASCB: 6ASCB

Enti, nnome amene asase noɛsɛ sɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatuane saa enti wɔahye asase no so nnipa,na kakra bi pɛ na aka.

ASCB: 7ASCB

Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan;wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie.

ASCB: 8ASCB

Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae,ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae.Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn.

ASCB: 9ASCB

Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio;mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ.

ASCB: 10ASCB

Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;wɔatoto efie biara apono mu.

ASCB: 11ASCB

Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so;ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ,anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so.

ASCB: 12ASCB

Kuropɔn no asɛe,wɔabubu nʼapono mu nketenkete.

ASCB: 13ASCB

Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no sone amanaman no mu,sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ,anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no.

ASCB: 14ASCB

Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam;ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.

ASCB: 15ASCB

Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam;momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no,wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.

ASCB: 16ASCB

Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ,“Animuonyam nka Ɔteneneeni no.”Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba!Me nnue!Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ!Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”

ASCB: 17ASCB

Ehu, amena ne afidie retwɛn mo,Ao nnipa a mote asase soɔ.

ASCB: 18ASCB

Deɛ ehu enti ɔdwane no,ɔbɛtɔ amena mu;deɛ ɔforo firi amena mu no,afidie bɛyi no.Wɔabue nsuo apono wɔ soro,na asase nnyinasoɔ woso.

ASCB: 19ASCB

Wɔadwiri asase nona emu apaapae,na asase awoso ankasa.

ASCB: 20ASCB

Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ.Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano;nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama nona ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

ASCB: 21ASCB

Saa ɛda no, Awurade bɛtweɔsoro atumfoɔne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.

ASCB: 22ASCB

Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ musɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu;wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan muna nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.

ASCB: 23ASCB

Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu;na Asafo Awurade bɛdi ɔhenewɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem,ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu.