Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 23

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 23 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo!Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tirona anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea.Wɔfiri Kipro asase soabɛka akyerɛ wɔn.

ASCB: 2ASCB

Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no sone mo Sidon adwadifoɔ aɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ.

ASCB: 3ASCB

Nsuo akɛseɛ no sona aduane firi Sihor nam baeɛ;Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ,na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.

ASCB: 4ASCB

Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban,ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ,“Menkyemee da na menwoo da;mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”

ASCB: 5ASCB

Sɛ asɛm no duru Misraim a,wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho.

ASCB: 6ASCB

Montwa nkɔ Tarsis;montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.

ASCB: 7ASCB

Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?Yei ne teteete kuropɔn no awatu akɔtenaakyirikyiri nsase soɔ no anaa?

ASCB: 8ASCB

Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ,deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma,na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?

ASCB: 9ASCB

Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ asena wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.

ASCB: 10ASCB

Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho noAo Ɔbabaa Tarsis,ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio.

ASCB: 11ASCB

Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no soama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo.Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ,wɔnsɛe nʼaban.

ASCB: 12ASCB

Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara,Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo!“Sɔre, tware kɔ Kipro;ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.”

ASCB: 13ASCB

Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no,saa nnipa a seesei wɔnka hwee no!Asiriafoɔ ayɛ nobeaeɛ a anweatam so mmoa teɛ;wɔsisii wɔn ntua aban bebree,wɔdwirii nʼaban guiɛma ɛdanee mmubuiɛ.

ASCB: 14ASCB

Montwa adwo, Tarsis ahyɛn;wɔasɛe wʼaban!

ASCB: 15ASCB

Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:

ASCB: 16ASCB

“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo;bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree,sɛdeɛ wɔbɛkae wo.”

ASCB: 17ASCB

Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa.

ASCB: 18ASCB

Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.