Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 22

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 22 Bible text

ASCB: 1ASCB

Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:Ɛdeɛn na ɛha mo seesei,a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

ASCB: 2ASCB

Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn?Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa,na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso?

ASCB: 3ASCB

Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;wɔamfa tadua ankyekyere wɔn.Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ;mo a modwanee wɔ ɛberɛ a na atamfoɔ no wɔ akyirikyiri.

ASCB: 4ASCB

Enti mekaa sɛ, “Momfiri me sona mentwa adwo.Monnkyekye me werɛwɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.”

ASCB: 5ASCB

Awurade, Asafo Awurade wɔ da bima hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehuwɔ Anisoadehunu Bɔnhwa no mu;ɛda a wɔde bubu afasuona wɔde su kyerɛ mmepɔ.

ASCB: 6ASCB

Elam fa bɛmma noka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho;Kir pagya kyɛm no.

ASCB: 7ASCB

Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano.

ASCB: 8ASCB

Wɔayi Yuda ho banbɔ no.Na da no wode wʼani tooakodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so;

ASCB: 9ASCB

wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn noakwan bebree deda ne banbɔ mu.Woboaa nsuo anowɔ Aseɛ Abura mu.

ASCB: 10ASCB

Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem nona wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden.

ASCB: 11ASCB

Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntammaa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu,nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ,na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.

ASCB: 12ASCB

Awurade, Asafo Awurade,frɛɛ wo saa da nosɛ su na twa adwo,ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma.

ASCB: 13ASCB

Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;wokunkum anantwie ne nnwan;wowe ɛnam na woboro nsã!Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom,ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!”

ASCB: 14ASCB

Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.

ASCB: 15ASCB

Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi,Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ,

ASCB: 16ASCB

Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwansɛ bɔ wo damena wɔ ha,worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔnna woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

ASCB: 17ASCB

“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu denato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.

ASCB: 18ASCB

Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so.Ɛhɔ na wobɛwuna wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!

ASCB: 19ASCB

Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa muna wɔayi wo afiri wo dibea so.

ASCB: 20ASCB

“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.

ASCB: 21ASCB

Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie.

ASCB: 22ASCB

Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue.

ASCB: 23ASCB

Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie.

ASCB: 24ASCB

Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.

ASCB: 25ASCB

“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, “pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!”