Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 21

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 21 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

ASCB: 2ASCB

Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.

ASCB: 3ASCB

Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

ASCB: 4ASCB

Mʼakoma bɔ paripari,ehu ma me ho popo;na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu noabɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.

ASCB: 5ASCB

Wɔto ɛpono,wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,wɔdidi, na wɔnom!Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

ASCB: 6ASCB

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔna ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.

ASCB: 7ASCB

Sɛ ɔhunu nteaseɛnamne apɔnkɔ akuakuo,wɔn a wɔtete mfunumu sone wɔn a wɔtete nyoma so a,ɔnwɛn nʼasowɛn pa ara.”

ASCB: 8ASCB

Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no soanadwo biara, megyina hɔ.

ASCB: 9ASCB

Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yiɔne apɔnkɔ dɔm.Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!Nʼanyame ne nʼahoni nyinaaabubu agu fam!’ ”

ASCB: 10ASCB

Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ asemeka deɛ mateɛ kyerɛ mo,deɛ ɛfiri Asafo Awurade,deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.

ASCB: 11ASCB

Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:Obi frɛ me firi Seir,“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”

ASCB: 12ASCB

Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.Sɛ wobɛbisa bio asane bra bɛbisa.”

ASCB: 13ASCB

Adehunu a ɛfa Arabia ho:Mo Dedan akwantufoɔ amosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

ASCB: 14ASCB

Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;mo a motete Tema,mommrɛ adwanefoɔ aduane.

ASCB: 15ASCB

Wɔdwane firi akofena a watwetadua a wɔakuntun mune ɔko a ɛgyina mu ano.

ASCB: 16ASCB

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.

ASCB: 17ASCB

Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.