Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so.

ASCB: 2ASCB

Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso!Na Awurade akasa:“Matete mma ama wɔanyini,nanso wɔate me so atua.

ASCB: 3ASCB

Nantwie nim ne wura,afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka,nanso Israel nnim,me nkurɔfoɔ nte aseɛ.”

ASCB: 4ASCB

Aa, amumuyɛ ɔman,ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma,nnebɔneyɛfoɔ kuo,mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma!Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho;Wɔapo Israel Kronkronni no,wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.

ASCB: 5ASCB

Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo?Adɛn enti na moda so te atua?Wɔapira mo tiri,na mo akoma nso di yea.

ASCB: 6ASCB

Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri soahomeka biara nni mu,apirakuro ne nsoasoaeɛ nko araakuro a anim deda hɔna wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛanaa wɔmfaa ngo nsrasraa so.

ASCB: 7ASCB

Mo ɔman ada mpan,wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn;ananafoɔ regye mo mfuoa mo ani tua,na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no.

ASCB: 8ASCB

Wɔagya Ɔbabaa Sionte sɛ bobe turo mu sesete sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu,te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia.

ASCB: 9ASCB

Sɛ Awuradetumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a,anka yɛayɛ sɛ Sodom,na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.

ASCB: 10ASCB

Montie Awurade asɛm,mo Sodom sodifoɔ;montie yɛn Onyankopɔn mmara,mo Gomorafoɔ!

ASCB: 11ASCB

“Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no,ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?”Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.“Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so,deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ;mʼani nnyeanantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho.

ASCB: 12ASCB

Sɛ moba mʼanim ahwan na ɔbisa yei firi mo hɔ?Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi?

ASCB: 13ASCB

Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no!Mo aduhwam yɛ me tan.Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ nemo nhyiamu fi no afono me.

ASCB: 14ASCB

Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no,me kra kyiri.Ayɛ adesoa ama me;masoa mabrɛ.

ASCB: 15ASCB

Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a,mɛyi mʼani ato nkyɛn.Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo amerentie.“Mogya bebree agu mo nsa ho fi.

ASCB: 16ASCB

“Monnwira mo ho na mo ho nte.Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so!Monnyae bɔne yɛ.

ASCB: 17ASCB

Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛnteneneeMonhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran.Monni mma nwisiaa,monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn.

ASCB: 18ASCB

“Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.“Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a,ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya aɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo.

ASCB: 19ASCB

Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a,mobɛdi asase no so nnepa.

ASCB: 20ASCB

Na sɛ moampene na mote atua a,akofena bɛdi mo nam.” Awurade na wakasa.

ASCB: 21ASCB

Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ noadane odwamanfoɔ.Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no mana anka tenenee te ne mu,nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma!

ASCB: 22ASCB

Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ,wɔde nsuo afra wo nsã papa mu.

ASCB: 23ASCB

Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ,akorɔmfoɔ yɔnkonom;wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ,na wɔpere akyɛdeɛ ho.Wɔnni mma nwisiaa;na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim.

ASCB: 24ASCB

Enti, Awurade, Otumfoɔ Awurade,deɛ ɔyɛ Kɛseɛ ma Israel no ka sɛ,“Aa, mɛnya ahomegyeɛ afiri mʼatamfoɔ hɔna matɔ wɔn so were.

ASCB: 25ASCB

Mɛma me nsa so, atia mo;mɛhohoro wo ho fi korakorana mayi mo ho nkekaawa nyinaa.

ASCB: 26ASCB

Mɛma mo atemmufoɔ bio sɛ kane no,ne mo afutufoɔ sɛdeɛ na ɛteɛ, ahyɛaseɛ no.Yei akyi no, wɔbɛfrɛ woKuropɔn TeneneeKuropɔn Nokwafoɔ.”

ASCB: 27ASCB

Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio,na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn.

ASCB: 28ASCB

Nanso atuatefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛdwɛre wɔn abɔ mu,na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.

ASCB: 29ASCB

“Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame amonyaa wɔn mu anigyeɛ no;wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturoa mosom abosom wɔ mu no enti.

ASCB: 30ASCB

Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo,ne turo a ɛnnya nsuo.

ASCB: 31ASCB

Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm;nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ;ne mmienu no bɛhye abɔ mu,a obiara rentumi nnum.”