Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 16
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 16 Bible text
Momfa nnwammaa sɛ apeatoɔnkɔma asase no sodifoɔ,ɛfiri Sela fa anweatam no so,kɔka Ɔbabaa Sion bepɔ no so.
Sɛdeɛ nnomaa a wɔaka wɔn afiri pirebuo muna wɔtu nenam ewiem no,saa ara na Moabfoɔ mmaa teɛwɔ Arnon asutwareɛ.
Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena;monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.”Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛna adesɛeɛ to bɛtwa;opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so.
Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi;ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so,obi a ɔfiri Dawid efie,deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛnteneneena ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.
Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn,nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden,nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu.
Enti Moabfoɔ twa adwo,wɔbɔ mu su ma Moab.Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuowɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho.
Hesbon mfuo no hye,Sibma bobe mfuo nso saa ara.Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so,deɛ kane na wɔde kɔ Yaserna ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no.Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ.
Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo,de ma Sibma bobe mfuo.Ao Hesbon, Ao Eleale,mesu mo bebree!Mo aduaba a abereɛ ho ahurisiene otwaberɛ deɛ no, wɔagyae.
Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu;obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu;obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so,ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ.
Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab hote sɛ sankuten so kwadwom;na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a,ɔha ne ho kwa;sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a,ɛrenkɔsi hwee.
Nanso seesei Awurade ka sɛ, “Mfeɛ mmiɛnsa mu, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛba awieeɛ, na ne nkaeɛfoɔ no bɛyɛ kakra bi a wonni ahoɔden.”