Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 17

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 17 Bible text

ASCB: 1ASCB

Adehunu a ɛfa Damasko ho:“Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bioɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie.

ASCB: 2ASCB

Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofonna wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ,a obiara renyi wɔn hu.

ASCB: 3ASCB

Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim,adehyetumi nso bɛfiri Damasko;Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛIsraelfoɔ animuonyam,”Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

ASCB: 4ASCB

“Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa;na ne mu sradeɛ bɛsa.

ASCB: 5ASCB

Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo sona ɔde ne nsa pempansɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwawɔ Refaim Bɔnhwa mu.

ASCB: 6ASCB

Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no;ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so,ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,”sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie.

ASCB: 7ASCB

Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ sona wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.

ASCB: 8ASCB

Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia aɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyiaa wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia.

ASCB: 9ASCB

Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.

ASCB: 10ASCB

Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa,na monkaee Ɔbotan no, mo aban no.Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papana modua bobe a moatɔ afiri amanɔne.

ASCB: 11ASCB

Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛanɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren.Nanso otwa no renyɛ hwee sɛyadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.

ASCB: 12ASCB

Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ,wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye!Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ,wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ!

ASCB: 13ASCB

Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so,nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri,te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ sote sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no.

ASCB: 14ASCB

Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu.Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada!Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma,ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.