Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 15

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 15 Bible text

ASCB: 1ASCB

Adehunu a ɛfa Moab ho:Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moabanadwo koro pɛ!Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moabanadwo koro pɛ!

ASCB: 2ASCB

Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.Wɔayi eti biara so nwina abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.

ASCB: 3ASCB

Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛwɔn nyinaa retwa adwo,wɔdeda fam na wɔsu.

ASCB: 4ASCB

Hesbon ne Eleale teaam su,wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,na wɔabotoboto.

ASCB: 5ASCB

Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,ne Eglat Selisiya.Wɔforo kɔ Luhit,wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;Horonaim ɛkwan so nsowɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.

ASCB: 6ASCB

Nimrim nsuwansuwa awewena ɛserɛ no ahyeafifideɛ nyinaa ayerana ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

ASCB: 7ASCB

Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ nowɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.

ASCB: 8ASCB

Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaimna wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.

ASCB: 9ASCB

Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaananso mɛkɔ so ne no adi.Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no sone wɔn a wɔbɛka asase no so.