Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 14
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 14 Bible text
Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;ɔbɛsane afa Israelna ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so.Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn hona wɔne Yakob efie aka abɔ mu.
Amanaman bɛfa wɔnde wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn deasɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommumna wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.
mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ:hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ!Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!
deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔntoatoaa so hwehwee fam,na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mude brɛɛ amanaman no ase.
Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduronya ho anigyeɛ na wɔka sɛ,“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”
Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne hoabɛhyia wo kwan;ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhomsɛ wɔmmɛma wo akwaaba,wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase,ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.
Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wona asonsono akata wo so.
Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!Wɔato wo abɛhwe asase so,wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!
Wokaa no wʼakoma mu sɛ,“Mɛforo akɔ soro;mɛma mʼahennwa soasi Onyankopɔn nsoromma atifi;mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ,“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asasena ɔmaa ahennie ho popooeɛ,
ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛna wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
Nanso wɔapam wo afiri wo da mute sɛ duban a wɔapoɔ;wɔde wɔn a atotɔ akata wo so,wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano,wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu,te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.
Wɔrensie wo nka wɔn ho,ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasasena wakunkum wo nkurɔfoɔ.Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ nowɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarimawɔ wɔn agyanom bɔne nti;ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no sona wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
“Mɛsɔre atia wɔn,”Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.“Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ,ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔne ɔwora;mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Asafo Awurade aka ntam sɛ,“Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.
Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;mɛtiatia ne so me mmepɔ so.Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”
Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan?Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?
Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ,sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba,na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.
Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea,na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu.Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase;ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.
Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn!Monnwane, mo Filistifoɔ!Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba,na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛmasaa ɔman no ananmusifoɔ?“Awurade de Sion atim hɔ.Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”