Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 11

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 11 Bible text

ASCB: 1ASCB

Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho;ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba.

ASCB: 2ASCB

Awurade Honhom bɛtena no so:nyansa ne nteaseɛ Honhom,afotuo ne tumi Honhom,nimdeɛ ne Awurade suro Honhom.

ASCB: 3ASCB

Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu.Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn,anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;

ASCB: 4ASCB

na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn,ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ.Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase;ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ.

ASCB: 5ASCB

Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔna nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.

ASCB: 6ASCB

Pataku ne odwammaa bɛtena,ɔsebɔ ne abirekyie bɛda,nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim.

ASCB: 7ASCB

Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi,wɔn mma bɛdeda faako,na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie.

ASCB: 8ASCB

Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano,na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu.

ASCB: 9ASCB

Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛwɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so,na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so masɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no.

ASCB: 10ASCB

Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam.

ASCB: 11ASCB

Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ.

ASCB: 12ASCB

Ɔbɛma frankaa so ama aman nona wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano;Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no anoafiri asase ntwea ɛnan no so.

ASCB: 13ASCB

Efraim anibereɛ bɛtu ayera,na wɔbɛsɛe Yuda atamfoɔ.Efraim ani remmere Yuda bio,na Yuda nso rentane Efraim ani.

ASCB: 14ASCB

Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam;na wɔbɛbɔ mu afo nnipa akɔ apueeɛ fam.Wɔbɛfa Edom ne Moab,na Amonfoɔ bɛhyɛ wɔn ase.

ASCB: 15ASCB

Awurade bɛma nsuoa ɛwɔ Misraim Po no mu awe korakora;ɔbɛma ne nsa mu mframa a emu yɛ hyeɛabɔ afa Asubɔnten Eufrate so.Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa nsonsɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi ahyɛ mpaboa atwa.

ASCB: 16ASCB

Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔa wɔaka Asiria,sɛdeɛ ebi daa hɔ maa Israelɛberɛ a wɔfiri Misraim baeɛ no.