Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu,wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,

ASCB: 2ASCB

de tena ahiafoɔ ahofadie so,de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden.Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔna wɔbɔ nwisiaa korɔno.

ASCB: 3ASCB

Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no,ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba?Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa?Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?

ASCB: 4ASCB

Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ muanaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu.Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,na wama ne nsa so ayɛ krado.

ASCB: 5ASCB

“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa,deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!

ASCB: 6ASCB

Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so.Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo sosɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ,na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so.

ASCB: 7ASCB

Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu.Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe,sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.

ASCB: 8ASCB

Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?

ASCB: 9ASCB

Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa?Hamat nte sɛ Arpadna Samaria nte sɛ Damasko anaa?

ASCB: 10ASCB

Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ,ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

ASCB: 11ASCB

Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa,sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ ”

ASCB: 12ASCB

Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho.

ASCB: 13ASCB

Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei,na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ.Mesɛee amanaman ahyeɛ.Mefoo wɔn ademudeɛ;mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane.

ASCB: 14ASCB

Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no,saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so;sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ nosaa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano;obiara ammɔ ne ntaban mu,na wammue nʼano ansu.’ ”

ASCB: 15ASCB

Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ?Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa?Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so,anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!

ASCB: 16ASCB

Afei Awurade, Asafo Awuradede ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no;na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛreahye wɔn animuonyam.

ASCB: 17ASCB

Israel Hann no bɛdane ogya.Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ;ɔde dakoro bɛhye na wasɛene nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.

ASCB: 18ASCB

Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no,ɛbɛsɛe pasapasate sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.

ASCB: 19ASCB

Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bia abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.

ASCB: 20ASCB

Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ,Yakob fiefoɔ a wɔbɛka noremfa wɔn ho nto no so bio. Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam nommom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.

ASCB: 21ASCB

Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ nobɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.

ASCB: 22ASCB

Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ,nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba.Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara dendena ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ.

ASCB: 23ASCB

Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛa wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.

ASCB: 24ASCB

Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,“Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sionmonnsuro Asiriafoɔ no,wɔn a wɔde mmaa hwe mona wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.

ASCB: 25ASCB

Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwona mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”

ASCB: 26ASCB

Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;na ɔbɛtene ne poma nsuo no so,sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.

ASCB: 27ASCB

Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so;wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu;wɔbubu kɔnnua nona afiri mo so.

ASCB: 28ASCB

Wɔhyɛne Ayat;wɔfa Migron;na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.

ASCB: 29ASCB

Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ,“yɛbɛda Geba anadwo yi.”Rama ho popo;Saulo kuro Gibea nso dwane.

ASCB: 30ASCB

Teaam Ɔbabaa Galim!Tie, Ao Laisa!Anatot Mmɔborɔni!

ASCB: 31ASCB

Madmena redwane;Gebimfoɔ kɔtetɛ.

ASCB: 32ASCB

Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob;wɔbɛwoso wɔn nsawɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no sowɔ Yerusalem kokoɔ no so.

ASCB: 33ASCB

Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no.Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam;deɛ ɛwoware no bɛba fam.

ASCB: 34ASCB

Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam.Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.