Scripture
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 12
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Yesaia Nwoma 12 Bible text
Saa ɛda no, wobɛka sɛ:“Mɛkamfo wo Ao Awurade!Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ,nanso afei wʼabofuo ano adwo.Na woakyekyere me werɛ.
Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;mede me ho bɛto ne so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”
Saa ɛda no wobɛka sɛ,“Ɛda Awurade ase, bɔ ne dinMa amanaman nhunu deɛ wayɛ,na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.
To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree.Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.
Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so,mo a mowɔ Sion,ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”