Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no,Efraim nnebɔne da adi.Samaria awurukasɛm nso daa adi.Wɔyɛ nnaadaafoɔakorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu,ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.

ASCB: 2ASCB

Na wɔnhunu sɛmekae wɔn nnebɔne nyinaa.Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.

ASCB: 3ASCB

“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.

ASCB: 4ASCB

Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔa akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu.Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogyaɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.

ASCB: 5ASCB

Ɛda a ɔhene rehyɛ fa noahenemma boro nsã,na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.

ASCB: 6ASCB

Wɔn akoma te sɛ fononoo;wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim.Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.

ASCB: 7ASCB

Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo.Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ.Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe asena wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.

ASCB: 8ASCB

“Efraim ne aman no adi afraEfraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.

ASCB: 9ASCB

Ananafoɔ twe nʼahoɔden,nanso ɔnhunu.Ɛdwono aba ne tiri so,nanso nʼani mmaa so.

ASCB: 10ASCB

Israel ahantan di adanseɛ tia no,nanso yei nyinaa akyi noɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn,na ɔnhwehwɛ no nso.

ASCB: 11ASCB

“Efraim te sɛ aborɔnoma awɔtumi daadaa no na ɔnni adwene.Ɔfrɛ Misraim,na wadane akɔ Asiria.

ASCB: 12ASCB

Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so;atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa.Sɛ mete sɛ wɔretu abom a,mɛkyere wɔn.

ASCB: 13ASCB

Nnome nka wɔn,ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho!Ɔsɛeɛ mmra wɔn so,ɛfiri sɛ wɔate me so atua!Anka mepɛ sɛ megye wɔnnanso wotwa atorɔ fa me ho.

ASCB: 14ASCB

Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ memmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so.Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ,nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.

ASCB: 15ASCB

Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den,nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.

ASCB: 16ASCB

Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;wɔte sɛ tadua a asɛeɛ,wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena anoɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so.Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛwɔ Misraim asase so.