Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 6

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 6 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.Wɔatete yɛn mu asinasininanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ.Wapirapira yɛnnanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.

ASCB: 2ASCB

Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛna yɛanya nkwa wɔ nʼanim.

ASCB: 3ASCB

Momma yɛnnye Awurade nto mu;momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu.Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue;ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ muanaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.”

ASCB: 4ASCB

“Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim?Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda?Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera.

ASCB: 5ASCB

Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini,mede mʼanum nsɛm kunkumm mo;mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam.

ASCB: 6ASCB

Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

ASCB: 7ASCB

Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ.Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ.

ASCB: 8ASCB

Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔna mogya anammɔn akeka hɔ.

ASCB: 9ASCB

Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu nosaa ara na asɔfo kuo no nso yɛ;wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn soyɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ.

ASCB: 10ASCB

Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie.Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ muIsrael gu ne ho fi.

ASCB: 11ASCB

“Na wo Yuda nso,wɔahyɛ otwa berɛ ama wo.“Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,