Scripture
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 8
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 8 Bible text
“Monhyɛn totorobɛnto!Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ soɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam sona wɔasɔre atia me mmara.
Wɔsisi ahemfo a mennim ho hweewɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so.Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn hode sɛeɛ wɔn ankasa ho.
To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?
Wɔfiri Israel!Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;ɛnyɛ Onyankopɔn!Wɔbɛbubu mu asinasini,saa Samaria nantwie ba no.
“Wɔdua mframana wɔtwa ntwahoframa.Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;enti wɔrennya esam mfiri mu.Sɛ ɛso aduane mpo a,ahɔhoɔ na wɔbɛdi.
Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ,nanso mɛboaboa wɔn ano.Wɔn so bɛfiri aseɛ atewɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.
“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.
Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛna wɔwe ɛnam no,nanso wɔnsɔ Awurade ani.Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛmna watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:Wɔbɛsane akɔ Misraim.
Israel werɛ afiri ne yɛfoɔna wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogyaa ɛbɛhye wɔn aban.”