Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Montie mo asɔfoɔ!Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ!Monyɛ aso, Ao adehyefie!Saa atemmuo yi tia mo:Moayɛ afidie wɔ Mispa,ne asau a wɔagu no Tabor so.

ASCB: 2ASCB

Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

ASCB: 3ASCB

Menim Efraim ho nsɛm nyinaa;wɔmfaa Israel nhintaa me.Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman;na Israel aprɔ.

ASCB: 4ASCB

“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwanmma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn.Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu;wɔnnye Awurade nto mu.

ASCB: 5ASCB

Israel ahantan di tia no.Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu;Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.

ASCB: 6ASCB

Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwiekɔhwehwɛ Awurade aWɔrenhunu no,ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

ASCB: 7ASCB

Wɔanni Awurade nokorɛ.Wɔwowoo adwamam mma.Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛbɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.

ASCB: 8ASCB

“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea.Hyɛn abɛn no wɔ Rama.Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen;Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.

ASCB: 9ASCB

Wɔbɛsɛe Efraimwɔ akontabuo da.Israel mmusuakuo no mu nomepae mu ka deɛ ɛwom.

ASCB: 10ASCB

Yuda sodifoɔ no te sɛwɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn sote sɛ nsuyire.

ASCB: 11ASCB

Wɔhyɛ Efraim so,wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu,wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi.

ASCB: 12ASCB

Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraimna mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.

ASCB: 13ASCB

“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,na Yuda nso hunuu nʼakuro no,Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa.Nanso wantumi ansa no yadeɛ,na akuro no nso anwuwu.

ASCB: 14ASCB

Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraimna mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

ASCB: 15ASCB

Afei, mɛsane akɔ me nkyikɔsi sɛ wobɛnya ahonu.Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan;wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”