Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Montie Awurade asɛm, mo Israelfoɔɛfiri sɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔmo a mote asase no so:“Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.

ASCB: 2ASCB

Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie,korɔnobɔ, ne awaresɛeɛna moyɛ ma ɛtra so,na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ.

ASCB: 3ASCB

Yei enti asase no di awerɛhoɔna wɔn a ɛte so nyinaa wuwu;ewiram mmoa, ewiem nnomaane ɛpo mu nam rewuwu.

ASCB: 4ASCB

“Mma obiara mmɔ kwaadu,mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ.Na mmom, mo asɔfoɔmo na me ne mo anya.

ASCB: 5ASCB

Mosunti awia ne anadwo,na adiyifoɔ no ne mo sunti.Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman.

ASCB: 6ASCB

Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe.“Sɛ moapo nimdeɛ enti,me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ;sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti,me nso mabu mʼani agu mo mma so.

ASCB: 7ASCB

Asɔfoɔ no redɔɔso nona bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me.Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ.

ASCB: 8ASCB

Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne hoɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho.

ASCB: 9ASCB

Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ.Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan hona matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka.

ASCB: 10ASCB

“Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee.Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre,ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade hɔ,de wɔn ho ama

ASCB: 11ASCB

adwamammɔ,nsã dada ne foforɔ,a ɛma me nkurɔfoɔ

ASCB: 12ASCB

nteaseɛ tu yera.Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛnna duasin bi ama wɔn mmuaeɛ.Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan;wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ.

ASCB: 13ASCB

Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifina wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so:odum, duafufuo ne odupɔn ase,deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ.Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔna mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ.

ASCB: 14ASCB

“Merentwe mo mmammaa asosɛ wɔadane adwamanfoɔ,anaa mo nsenom mmaa asosɛ wɔasɛe awadeɛ.Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara.Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔdi hwebom.Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu!

ASCB: 15ASCB

“Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel,nanso, mma Yuda nni ho fɔ.“Nkɔ Gilgal;na ɛmforo nkɔ Bet Awen.Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’

ASCB: 16ASCB

Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔte sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn sosɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea?

ASCB: 17ASCB

Efraim de ne ho abɔ ahoni;Gyaa no!

ASCB: 18ASCB

Sɛ wɔn nsã sa koraa a,wɔtoa wɔn adwamammɔ so;wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie.

ASCB: 19ASCB

Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ,na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn.