Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 14

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 14 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn.Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!

ASCB: 2ASCB

Fa wo nsɛm a wowɔsane kɔ Awurade nkyɛn.Ka kyerɛ no sɛ,“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,na fa ahummɔborɔ gye yɛn,na yɛatumi ayi wo ayɛ.

ASCB: 3ASCB

Asiria rentumi nnye yɛn;yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so.Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”

ASCB: 4ASCB

“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ.Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn,ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

ASCB: 5ASCB

Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel.Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko.Te sɛ Lebanon ntweneduro noɔde ne nhini bɛtim fam;

ASCB: 6ASCB

ne mman bɛdennan.Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua,na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

ASCB: 7ASCB

Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio.Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo.Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe,na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

ASCB: 8ASCB

Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?Mɛgye no so na mʼani aku ne ho.Mete sɛ dua a nʼahahan mpo;sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.”

ASCB: 9ASCB

Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu.Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. Awurade akwan tene.Ateneneefoɔ nante so,nanso asoɔdenfoɔ sunti so.