Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 13

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 13 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;wɔpagyaa no wɔ Israelman mu.Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.

ASCB: 2ASCB

Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara;wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,nsɛsodeɛ no nyinaa no.Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ.Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ,“Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛna wɔfe anantwie mma ahoni ano.”

ASCB: 3ASCB

Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkumsɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera,sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobeasɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.

ASCB: 4ASCB

“Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn,a meyii wo firii Misraim.Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me.

ASCB: 5ASCB

Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so,asase a ɛso yɛ hye yie no so.

ASCB: 6ASCB

Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ;wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan;na wɔn werɛ firii me.

ASCB: 7ASCB

Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata,mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

ASCB: 8ASCB

Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mute sɛ sisire bi a wɔawia ne mma.Mɛwe wɔn te sɛ gyata;wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu.

ASCB: 9ASCB

“Wɔasɛe wo, Ao Israel,ɛfiri sɛ woasɔre atia me,me a meyɛ wo ɔboafoɔ.

ASCB: 10ASCB

Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he?Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he,wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ,‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

ASCB: 11ASCB

Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene,na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.

ASCB: 12ASCB

Efraim afɔdie no wɔaboaboa anowɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ.

ASCB: 13ASCB

Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ,na abɔfra no nnim nyansa nti;sɛ berɛ no duru a,ɔmma awotwaa no ano.

ASCB: 14ASCB

“Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu.Mɛgye wɔn afiri owuo nsam.Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he?Asaman wo sɛeɛ wɔ he?“Merennya ayamhyehyeɛ,

ASCB: 15ASCB

mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a.Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba,ɛbɛbɔ afiri anweatam so;osuo rentɔ osutɔberɛna nʼabura bɛwe.Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛmadeɛ ɛsom bo no nyinaa.

ASCB: 16ASCB

Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu,ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn.Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano;wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam,wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”