Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yoɛl Nwoma 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yoɛl Nwoma 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.

ASCB: 2ASCB

Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;montie, mo a mote asase no so nyinaa.Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ soanaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?

ASCB: 3ASCB

Monka nkyerɛ mo mma,na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mmana wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

ASCB: 4ASCB

Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ nontutummɛ akɛseɛ no awedeɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ nontutummɛ nkumaa no awedeɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ nontutummɛ afoforɔ awe.

ASCB: 5ASCB

Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ nowɔayi afiri mo ano.

ASCB: 6ASCB

Ɔman bi atu mʼasase so saɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;wɔn se te sɛ gyata sena wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.

ASCB: 7ASCB

Wɔasɛe me bobene me borɔdɔma nnua.Wawaawae nnua no ho bona,ato aguagya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.

ASCB: 8ASCB

Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitomana ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.

ASCB: 9ASCB

Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,wɔayi afiri Awurade efie.Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.

ASCB: 10ASCB

Mfuo asɛe,asase no so awo weseeaduane no asɛensã foforɔ no awengo nyinaa asa.

ASCB: 11ASCB

Mo ani nwu, mo akuafoɔ,mo ntwa adwo, mo a modua bobe;Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ,ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.

ASCB: 12ASCB

Bobe no akusana borɔdɔma nnua no awuwu.Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ nennua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye.Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ noatu ayera.

ASCB: 13ASCB

Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.Momfira ayitoma mmɛsiri pɛmo a mosom Onyankopɔn anim;ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ noɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.

ASCB: 14ASCB

Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;momfrɛ nhyiamu kronkron.Monfrɛ mpanimfoɔne wɔn a wɔte asase no so nyinaammra Awurade mo Onyankopɔn efiena wɔmmesu mfrɛ Awurade.

ASCB: 15ASCB

Ɛda no aba! Awurade ɛda no abɛn;Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.

ASCB: 16ASCB

Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na,sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwawɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?

ASCB: 17ASCB

Aba no wu wɔ asase wesee mu,adekoradan abubu,aburopata nso ho nni mfasoɔ,ɛfiri sɛ nnuane no ahye.

ASCB: 18ASCB

Sɛdeɛ anantwie su!Na anantwikuo kyinkyini kwa.Nnwankuo mpo rebrɛɛfiri sɛ wɔnni adidibea.

ASCB: 19ASCB

Awurade, wo na mesu frɛ wo,ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibeana ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.

ASCB: 20ASCB

Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.Nsuwansuwa awewe,na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.