Scripture
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 12
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 12 Bible text
Efraim de mframa ayɛ aduane;ɔdi apueeɛ mframa akyi daana ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree.Ɔne Asiria yɛ apamna ɔde ngo kɔ Misraim.
Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda;ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan hona watua no ne nneyɛeɛ so ka.
Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim;ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom.Ɔhunuu no wɔ Bet-Elne no kasaa wɔ hɔ.
Efraim hoahoa ne ho sɛ,“Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho.Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunuamumuyɛ biara wɔ me ho.”
“Mene Awurade wo Onyankopɔn,a meyii wo firii Misraim.Mɛma woakɔtena ntomadan mu biosɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.
Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa?Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ!Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa?Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔa wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.
Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so;Israel someeɛ de nyaa yere,ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa.
Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya;nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne sona ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.