Scripture
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 11
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hosea Nwoma 11 Bible text
Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no,saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn.Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.
Me na megyegyee Efraim taataa,meturu no wɔ mʼabasa so;nanso, wɔnkae sɛme na mesaa wɔn yadeɛ.
Mede ayamyɛ ahomane ɔdɔ dii wɔn anim;meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn muna mekoto maa wɔn aduane diiɛ.
Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn muna ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adabanna wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.
Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo aɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.
“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?Mʼakoma asesa wɔ me mu;na mʼahummɔborɔ ahwanyane.
Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ,ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso.Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa.Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu.Meremma wɔ abufuo mu.
Wɔbɛdi Awurade akyi.Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.Na sɛ ɔbobɔm a,ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.
Wɔde ahopopoɔ bɛbate sɛ nnomaa a wɔfiri Misraimte sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria.Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia,Israel efie nso wɔde nnaadaa.Yuda abɔ Onyankopɔn so kompo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.