Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hosea Nwoma 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ;ɔsoo aba maa ne ho.Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no,ɔsisii afɔrebukyia bebree;nʼasase rekɔ so yɛ yie noɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.

ASCB: 2ASCB

Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu,enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe. Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia,na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

ASCB: 3ASCB

Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene,ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade.Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a,ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”

ASCB: 4ASCB

Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree,Wɔka ntam hununa wɔyɛ apam ahodoɔ;ɛno enti mansotwe sɔresɔrete sɛ wira a borɔ wɔ mua afifiri asase a wɔafuntum so.

ASCB: 5ASCB

Nnipa a wɔte Samaria no suro maBet Awen nantwie ba ohoni no.Ne nkurɔfoɔ bɛsu.Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ,wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no.Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu.

ASCB: 6ASCB

Wɔde no bɛkɔ Asiria,de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.Ɛbɛgu Efraim anim ase;na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.

ASCB: 7ASCB

Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔte sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani.

ASCB: 8ASCB

Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ,na akata wɔn afɔrebukyia so.Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!”na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”

ASCB: 9ASCB

“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel,na ɛhɔ na woaka.Na ɔko rentwi amfaamumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?

ASCB: 10ASCB

Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.

ASCB: 11ASCB

Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no,a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma,enti mede kɔnnuabɛto ne kɔn fɛfɛ mu.Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan,ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,na Yakob nso siesie so.

ASCB: 12ASCB

Dua tenenee aba ma wo ho,twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,siesie wʼasase a wɔmfuntum so no;na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade,kɔsi sɛ ɔbɛbaabɛpete tenenee agu wo so.

ASCB: 13ASCB

Nanso, woadua atirimuɔden aba,na woatwa aba bɔne.Woadi nnaadaa aba.Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔdenne wʼakodɔm bebrebe no so,

ASCB: 14ASCB

ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ,na wʼaban nyinaa bɛsɛe,sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.

ASCB: 15ASCB

Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El,ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso.Sɛ ɛda no duru a,Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.