Scripture
Odiyifoɔ Habakuk Nwoma 2
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Habakuk Nwoma 2 Bible text
Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn.Mɛbɔ nsrana mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me,ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.
Afei, Awurade buaa sɛ,“Twerɛ adiyie yi wɔ abopono soma emu nna hɔ pefeeama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ.
Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi;ɛka awieeɛ ho asɛmna ɛbɛba mu.Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn,ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.
Nokorɛm, nsã ayi no amawayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ.Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damenana ɔte sɛ owuo a hwee mmee no entiɔfom aman no nyinaana ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum.
“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ,“ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano,na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’
Esiane sɛ woafo aman bebree enti,wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi.Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu;woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
“Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman,a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea,sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu.
“Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã,Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro,na afei woahwɛ wɔn adagya.
Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan.Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so
Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.Woaka nnipa mogya agu;woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu?Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ?Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.
Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ?Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;nanso ahomeɛ nni mu.”