Scripture
Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 30
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 30 Bible text
“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Twa adwo na ka sɛ,“Ao ɛda no!”
Akofena bi bɛba abɛtia Misraim,na ahoyera bɛba Kus so.Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim awɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔna wɔabubu ne fapem agu fam.
Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.
“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ:“ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe asena nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ.Ɛfiri Migdol kɔsi Aswanwɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano,Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,ɛberɛ a mede ogya ato Misraim muna madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.
“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛmɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ,wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraimna wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
Mɛma Nil ho asutene awewena matɔn asase no ama nipabɔne;menam ananafoɔ sobɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.Me Awurade na maka.
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:“ ‘Mɛsɛe ahoni nona mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ.Misraim renya mmapɔmma bio,na mɛma ehu aba asase no so nyinaa.
Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum soMisraim banbɔ denden no,na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
Mɛto Misraim mu ogya;Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu.Ahum bɛbu afa Tebes so;na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara.
Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛbɛtotɔ wɔ akofena ano,na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.
Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no,sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a;ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ.Omununkum bɛkata ne so,na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.
Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu.
Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam.
Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne.
Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”