Scripture
Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 31
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 31 Bible text
Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ:“ ‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?
Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon,Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ sonyini kɔɔ ɔsoro yie,ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.
Nsuo no maa no aduane,nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro;wɔn asutene fofaa nʼase nyinaade kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.
Enti ɛkɔɔ ɔsorosorosenee mfuo no so nnua nyinaa;ne dubaa dɔɔsone mman nyini yɛɛ atentene,na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.
Ewiem nnomaa nyinaayɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu,wiram mmoa nyinaawowoo mma wɔ ne mman no aseaman akɛseɛ nyinaatenaa ne nwunu ase.
Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ,ne dubaa a adendan no enti,na ne nhini nyini kɔɔ famkɔduruu nsuo bebree mu.
Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo munto no,na pepeaa nnua nsodubaa ne no nyɛ pɛ,na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nsontoto ne mman ho,dua biara nni Onyankopɔn turono mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
Mebɔɔ no ahoɔfɛmaa no mman bebree,na nnua a ɛwɔ Eden nyinaaOnyankopɔn turo no mu noani beree no.
“ ‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti,
na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ.
Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn.
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ.
Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase.
Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho.
“ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no.“ ‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”