Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 29

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Hesekiel Nwoma 29 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 2ASCB

“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.

ASCB: 3ASCB

Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Faraoasuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ”Woka sɛ, “Nil yɛ me dea;meyɛ maa me ho.”

ASCB: 4ASCB

Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan muna mama mpataa a ɛwɔ wo asutene muafenfam wo ho.Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu,a mpataa no nyinaa tetare wo ho.

ASCB: 5ASCB

Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.Wobɛhwe ase wɔ asase petee mua wɔrempagya wo bio.Mede wo bɛma asase so mmoane ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.

ASCB: 6ASCB

Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no.“ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie.

ASCB: 7ASCB

Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.

ASCB: 8ASCB

“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.

ASCB: 9ASCB

Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade.“ ‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti

ASCB: 10ASCB

me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so.

ASCB: 11ASCB

Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan.

ASCB: 12ASCB

Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.

ASCB: 13ASCB

“ ‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so.

ASCB: 14ASCB

Mede wɔn bɛfiri nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nananom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahennie mu kumaa bi.

ASCB: 15ASCB

Ɛbɛyɛ ahennie a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahennie a ɛrentumi nni aman foforɔ so.

ASCB: 16ASCB

Misraim renyɛ ɔman a Israelfoɔ de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdane no, de pɛɛ mmoa. Afei, wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’ ”

ASCB: 17ASCB

Mfeɛ aduonu nson so, ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

ASCB: 18ASCB

“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.

ASCB: 19ASCB

Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm.

ASCB: 20ASCB

Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, ɛfiri sɛ ɔne nʼakodɔm ko maa me, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

ASCB: 21ASCB

“Saa ɛda no, mɛma abɛn bi afifiri ama Israel efie, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”