Scripture
Ɔsɛnkafoɔ 6
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafoɔ 6 Bible text
Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.
Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no.
Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya.
Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?
Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea?Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim amfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
Deɛ aniwa hunu noyɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ.Yei nso yɛ ahuhudeɛ.Ɛte sɛ wotaa mframa.
Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada,na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada;onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔdensene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.
Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.