Scripture
Ɔsɛnkafoɔ 7
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafoɔ 7 Bible text
Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie asesene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase,ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛna ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.
Sɛdeɛ nimdeɛ yɛ banbɔ nosaa ara na sika nso teɛ,nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne sɛ:deɛ ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
Mmere pa mu, ma wʼani nnye;nanso mmere bɔne mu, hunu sɛOnyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.Ɛno enti onipa ntumi nhunudeɛ ɛbɛto no daakye.
Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu:Ɔteneneeni a ɔwu wɔ ne tenenee mu,ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumuyɛ mu.
Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so,na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so,adɛn enti na wosɛe wo ho?
Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so,na ɛnyɛ ɔkwasea nso,adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso?
Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako munanso nnyaa deɛ aka no mu.Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.
Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ,“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ”nanso na yei boro me so.
Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ,ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛna mate amumuyɛ mu agyimisɛm asene nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso.
Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuoɔbaa a ɔyɛ afidie;nʼakoma yɛ nnaadaana ne nsa yɛ mpɔkyerɛ.Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne honanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.
Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu:“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.
Mereyɛ nhwehwɛ muna menhunu hwee no,mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu,nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu.
Yei nko ara na mahunu:Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ,nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.”