Scripture
Ɔsɛnkafoɔ 5
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafoɔ 5 Bible text
Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.
Mpɛ ntɛm nkasa,mma wʼakoma ho mpere nosɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim.Onyankopɔn te ɔsorona wo deɛ, wo wɔ asase so,enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so.
Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?
Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.
Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da;na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya.Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Adetɔndeɛ bu so a,saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso.Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nyasene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
Ɔpaani da ma nʼani kum,sɛ wadidi amee anaasɛ wammee,nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ entiɔntumi nna.
anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a entisɛ ɔnya ɔbabarima bi ahwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.
Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ,na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ.Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara aɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ.
Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ:Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ,na mfasoɔ bɛn na ɔnyawɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?
Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no dɛɛfiri sɛ abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo wɔ no so.
Afei mehunuu sɛ ɛyɛ ma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri sɛ yei ne ne kyɛfa.
Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.