Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafoɔ 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafoɔ 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuona wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara;tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsamna wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

ASCB: 2ASCB

Na mekaa sɛ: Awufoɔ awɔawuwu dada noani gye sene ateasefoɔ;wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.

ASCB: 3ASCB

Na deɛ ɔyɛ sene baanu yine deɛ ɔnnya mmaeɛ,deɛ ɔnnya nhunuu bɔne awɔyɛ wɔ owia yi ase.

ASCB: 4ASCB

Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.

ASCB: 5ASCB

Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne hona ɔsɛe ne ho.

ASCB: 6ASCB

Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ muyɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho.Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa.

ASCB: 7ASCB

Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:

ASCB: 8ASCB

Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima.Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da,nanso nʼani ansɔ nʼahonya.Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no,na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?”Yei nso yɛ ahuhudeɛ,ɛyɛ ɔhaw kwa.

ASCB: 9ASCB

Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

ASCB: 10ASCB

Sɛ ɔbaako hwe ase ane yɔnko bɛtumi aboa no.Nanso onipa a ɔhwe ase aɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.

ASCB: 11ASCB

Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye.Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?

ASCB: 12ASCB

Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛnanso baanu tumi pere wɔn ti.Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.

ASCB: 13ASCB

Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio.

ASCB: 14ASCB

Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu.

ASCB: 15ASCB

Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no.

ASCB: 16ASCB

Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.