Scripture
Ɔsɛnkafoɔ 3
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafoɔ 3 Bible text
aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ,akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,
adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ,adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ,
adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ,kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,
Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase.
Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase.
Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.
Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.
Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn,na deɛ ɛbɛba no nso aba dada;na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.
Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ:Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ,atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.
Medwenee wɔ mʼakomam sɛ,“Onyankopɔn bɛbuteneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ,adeyɛ biara ne ne berɛ.”
Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ.
Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?