Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafoɔ 11

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafoɔ 11 Bible text

ASCB: 1ASCB

To wo burodo gu nsuo ani,na daakye bi wo nsa bɛka bio.

ASCB: 2ASCB

Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe,ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

ASCB: 3ASCB

Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a,ɛtɔ gu asase so.Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

ASCB: 4ASCB

Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

ASCB: 5ASCB

Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no,saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

ASCB: 6ASCB

Dua wʼaba anɔpa,na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,sɛ yei anaa yeianaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.

ASCB: 7ASCB

Hann yɛ fɛ;na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia.

ASCB: 8ASCB

Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaaɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ.Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔnena ɛbɛdɔɔso.Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.

ASCB: 9ASCB

Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu,ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu.Di deɛ wʼakoma pɛne deɛ wʼaniwa hunu akyi,nanso hunu sɛ yeinom nyinaa hoOnyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.

ASCB: 10ASCB

Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma muna to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.