Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafoɔ 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafoɔ 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no,saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.

ASCB: 2ASCB

Onyansafoɔ akoma kom kɔ nifa,nanso ɔkwasea akoma kɔ benkum.

ASCB: 3ASCB

Mpo sɛ ɔkwasea nam ɛkwan so awɔhunu sɛ ɔnnim nyansana ɔma obiara hunu sɛ wagyimi.

ASCB: 4ASCB

Sɛ sodifoɔ bo fu wo a,nnya wʼadwuma nto hɔ;na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano.

ASCB: 5ASCB

Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase.Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ:

ASCB: 6ASCB

Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn,na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.

ASCB: 7ASCB

Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so,na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.

ASCB: 8ASCB

Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu;na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.

ASCB: 9ASCB

Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no;na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia.

ASCB: 10ASCB

Sɛ abonnua ano akumna wɔanse ano a,ɛbɛhia ahoɔden bebreenanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.

ASCB: 11ASCB

Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no adeɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara.

ASCB: 12ASCB

Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam,nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu.

ASCB: 13ASCB

Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm;na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne,

ASCB: 14ASCB

na ɔkwasea woro nsɛm.Obiara nnim deɛ ɛreba,hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no?

ASCB: 15ASCB

Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.

ASCB: 16ASCB

Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwana wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa.

ASCB: 17ASCB

Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛna wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfatade pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.

ASCB: 18ASCB

Sɛ obi yɛ akwadworɔ a, ne mpunan yɛ mmerɛ;sɛ ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu.

ASCB: 19ASCB

Wɔto ɛpono ma sereɛ,na nsã ma onipa ahosɛpɛ,nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.

ASCB: 20ASCB

Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene,na wowɔ piam nso a, nnome osikani,ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ,na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.