Scripture
Ɔsɛnkafoɔ 9
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafoɔ 9 Bible text
Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no.
Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no,saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ;sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.
Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho.
Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu,nanso awufoɔ nnim hwee;wɔnni akatua biara bio,na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.
Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so.
Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.
Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ.
Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛanaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ,aduane mma onyansafoɔ nkyɛnanaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔna adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa nosaa ara na mmerɛ bɔne to nnipawɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.
Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no.
Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no.
Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.