Scripture
Odiyifoɔ Amos Nwoma 8
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Amos Nwoma 8 Bible text
Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?”Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.”Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.”
Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
na moka sɛ,“Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwamama yɛatɔn aduane,na Homeda bɛba awieeɛama yɛadi ayuo dwa?”Sɛ mobɛhyɛ susukora muna moatoto ɛboɔ sona mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,
na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔna mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa,na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.
“Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa,na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa?Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nilɛbubu afa so, na asane atwe biote sɛ Misraim asubɔnten.”
Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,“Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ,na mama esum aduru asase so awia ketee.
Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdiena mo nnwontoɔ nyinaa adane osu.Mɛma mo nyinaa afira ayitomana mayi mo tirinwi.Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie dana awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.
“Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,“Mɛma ɛkɔm aba asase no so,ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm,na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.
Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo sona wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam,sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm,nanso wɔrenhunu.
Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam,anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no,wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”