Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Amos Nwoma 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Amos Nwoma 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio.

ASCB: 2ASCB

Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

ASCB: 3ASCB

Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ.Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”

ASCB: 4ASCB

Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no.

ASCB: 5ASCB

Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”

ASCB: 6ASCB

Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.”

ASCB: 7ASCB

Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no.

ASCB: 8ASCB

Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?”Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.”Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.

ASCB: 9ASCB

“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmeana Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no;mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”

ASCB: 10ASCB

Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm.

ASCB: 11ASCB

Deɛ Amos reka nie:“ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano,na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,wɔ akyirikyiri asase so.’ ”

ASCB: 12ASCB

Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.

ASCB: 13ASCB

Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”

ASCB: 14ASCB

Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.

ASCB: 15ASCB

Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’

ASCB: 16ASCB

Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ,“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ,na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’

ASCB: 17ASCB

“Enti asɛm a Awurade ka nie:“ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu,wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano.Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu,na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu,na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu,wɔ akyirikyiri asase so.’ ”