Scripture
Odiyifoɔ Amos Nwoma 9
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Amos Nwoma 9 Bible text
Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ,“Bɔ Asɔredan no afadum no atifina mma ne fapem no nwoso.Mommubu ngu nnipa no nyinaa so;wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn.Ɔbaako mpo rentumi nnwaneobiara remfiri mu mfi.
Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu aɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba.Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro aɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam.
Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a,ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba.Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase aɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a,ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn.“Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn.Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
Awurade, Asafo Awurade,Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane,ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.Asase no nyinaa pagya te sɛ Nilna ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsorona ɔto ne fapem wɔ asase so.Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo anona ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din!
“Mo Israelfoɔ,mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?”Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim,ne Filistifoɔ amfiri Kreta,ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?
“Ampa ara Otumfoɔ Awurade aniwɔ nnebɔne ahennie no so.Mɛpepa no afiri asase ani,nanso, merensɛe Yakob efie korakora,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Na mɛhyɛ,na mɛwoso Israel efie,wɔ amanaman nyinaa mu,sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa muna aba fua mpo ntɔ fam no.
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaabɛtotɔ wɔ akofena ano,wɔn a wɔka sɛ,‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’
“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi“Dawid efie a abubu no bio.Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no,na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,
na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no,ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.
“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no,na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no.Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no sona atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.
Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba.“Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu.Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã;wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.
Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase soa wɔrentu bio damfiri asase a mede ama wɔn no so,”sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.