Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Amos Nwoma 6

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Amos Nwoma 6 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion,ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so,mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu,a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!

ASCB: 2ASCB

Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ.Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu,monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no?Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?

ASCB: 3ASCB

Motu ɛda bɔne hyɛ ɛdana motwe Atemmuo da bɛn.

ASCB: 4ASCB

Modeda asonse mpa somogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu,na mowe nnwammaa neanantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.

ASCB: 5ASCB

Mode mo sankuten to ahuhudwom,na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔmo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.

ASCB: 6ASCB

Monom nsã nkorama muna mode sradehwam papa yɛ mo ho,na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho.

ASCB: 7ASCB

Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho;na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.

ASCB: 8ASCB

Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntamna deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:“Mekyiri Yakob ahomasoɔna memmpɛ nʼaban;mede kuropɔn no bɛmaɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”

ASCB: 9ASCB

Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu.

ASCB: 10ASCB

Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.

ASCB: 11ASCB

Na Awurade ahyɛ mmarana ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasinine afie nketewa no nso mu nketenkete.

ASCB: 12ASCB

Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa?Na obi de nantwie funtum hɔ anaa?Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro.Na tenenee nso ayɛ nwononwono.

ASCB: 13ASCB

Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho,na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?”

ASCB: 14ASCB

Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ,deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”