Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Amos Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Amos Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:

ASCB: 2ASCB

“Ɔbabunu Israel ahwe asea ɔrensɔre bio,wɔapo no ɔno ara asase so,na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”

ASCB: 3ASCB

Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,emu ɔha pɛ na ɛbɛka;Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,emu edu pɛ na ɛbɛka.”

ASCB: 4ASCB

Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:“Monhwehwɛ me na monnya nkwa;

ASCB: 5ASCB

Monnhwehwɛ Bet-El,monnkɔ Gilgal,na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa muna wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”

ASCB: 6ASCB

Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;ɛbɛhye,na Bet-El rennya obi nnum no.

ASCB: 7ASCB

Mo a moma atemmuo yɛ nwonona mototo tenenee ase.

ASCB: 8ASCB

Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛna ɔma awia dane adesaeɛ.Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo anona ɔhwie gu asase so,ne din ne Awurade.

ASCB: 9ASCB

Ɔsɛe abandenden ntɛm sona ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,

ASCB: 10ASCB

motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛna mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.

ASCB: 11ASCB

Motiatia ohiani sona mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,nanso morentena mu;ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛnanso morennom emu nsã.

ASCB: 12ASCB

Na menim mo mmarato dodoɔne mo bɔne akɛseɛ no.Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛmobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.

ASCB: 13ASCB

Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.

ASCB: 14ASCB

Monhwehwɛ papa, na moanya nkwana ɛnyɛ bɔne.Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.

ASCB: 15ASCB

Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔnbɛnya ahummɔborɔ amaYosef nkaeɛfoɔ.

ASCB: 16ASCB

Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:“Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa sona ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsuna agyamfoɔ abɛtwa adwo.

ASCB: 17ASCB

Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 18ASCB

Nnome nka wɔn awɔpɛ sɛ Awurade da no ba!Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.

ASCB: 19ASCB

Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata animna ɔkohyia sisire,sɛ deɛ owura ne fiede ne nsa to ɔfasuo so,na ɔwɔ ka no.

ASCB: 20ASCB

Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.

ASCB: 21ASCB

“Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

ASCB: 22ASCB

Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,nanso merennye.Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ menanso mʼani rensɔ.

ASCB: 23ASCB

Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!Merentie mo asankuten so nnwom.

ASCB: 24ASCB

Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!

ASCB: 25ASCB

“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ memfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

ASCB: 26ASCB

Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,ne mo honi Rɛfan so;wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

ASCB: 27ASCB

Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,”sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.