Scripture
Odiyifoɔ Amos Nwoma 4
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Amos Nwoma 4 Bible text
Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so,mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛna moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!”
Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ,“Ampa ara ɛberɛ no bɛbaa wɔde nkawa bɛtwe mo akɔmo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.
Momu biara bɛpue akɔ,na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu,na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔnena monkɔ Gilgal na mo nkɔyɛ bɔne ara.Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara,na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara.
Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ;Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho,na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ,na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,”sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.
“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara muna aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so,nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Mesane de osutɔ kamee moɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru.Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako sona mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so.Afuo baako nyaa osutɔafuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.
Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuonanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom,nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so.Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua,nanso monnsane mmaa me nkyɛn,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Mede ɔyaredɔm baa mo sosɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no,mede akofena kunkumm mo mmeranteɛne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum.Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu,nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Metuu mo mu bi guiɛsɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no.Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu.Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie,na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti,siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”
Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframana ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa,deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esumna ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no.Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.