Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Amos Nwoma 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Amos Nwoma 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:

ASCB: 2ASCB

“Mo nko ara na mayi mowɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;enti mɛtwe mo asowɔ mo bɔne nyinaa ho.”

ASCB: 3ASCB

Nnipa baanu bɛtumi abom anante,wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?

ASCB: 4ASCB

Gyata bobom wɔ dɔtɔ asewɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?Ɔpɔ so wɔ ne buo muwɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?

ASCB: 5ASCB

Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ famwɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa?Afidie hwan wɔɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?

ASCB: 6ASCB

Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu annipa no ho mpopo anaa?Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu aɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?

ASCB: 7ASCB

Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribia ɔnna ne nhyehyeɛ adinkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.

ASCB: 8ASCB

Gyata no abobom,hwan na ɔnnsuro?Otumfoɔ Awurade akasa,hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

ASCB: 9ASCB

Mompae mu nka nkyerɛ Asdod abanne Misraim aban:“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne sone nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”

ASCB: 10ASCB

“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawiasie wɔ wɔn aban mu.

ASCB: 11ASCB

Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,na wafo wʼaban.”

ASCB: 12ASCB

Deɛ Awurade seɛ nie:“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gyennyawa mmienu nnompe anaa aso sinfiri gyata anom no,saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”

ASCB: 13ASCB

“Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.

ASCB: 14ASCB

“Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛnna abu ahwe fam.

ASCB: 15ASCB

Mɛdwiri awɔberɛ efiene ahuhuro berɛ efie agu;na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe nona afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.