Scripture
Odiyifoɔ Amos Nwoma 2
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Amos Nwoma 2 Bible text
Deɛ Awurade seɛ nie:“Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Ɔhyee Edomhene nnompe,ma ɛdanee nsõ.
Mede ogya bɛto Moab mu,na ahye Keriot aban.Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ,ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.
Deɛ Awurade seɛ nie:“Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Wɔapo Awurade mmara nona wɔanni nʼahyɛdeɛ soɛfiri sɛ atorɔ anyame noama wɔafom ɛkwan no,anyame a wɔn nananom dii akyire no.
Deɛ Awurade seɛ nie:“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ,ne ahiafoɔ de gye mpaboa.
Wɔtiatia ahiafoɔ sote sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturona wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ.Agya ne ne ba ne ɔbaa baako dade gu me din kronkron no ho fi.
Wɔdeda afɔrebukyia biara howɔ wɔn awowa ntoma so.Wɔ wɔn anyame efie no mu nowɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.
“Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim,ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro.Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.Mesɛee nʼaba wɔ ne soro,ne ne nhini wɔ nʼase.
Meyii wo firii Misraim,na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ sosɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.
Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ,ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ.Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?”Deɛ Awurade bisa nie.
Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina.Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane,na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.