Scripture
Odiyifoɔ Amos Nwoma 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Amos Nwoma 1 Bible text
Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.
Ɔkaa sɛ:“Awurade bobom firi Sion bepɔ sona ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehyena Karmel atifi nso kusa.”
Deɛ Awurade seɛ nie:“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra soɛno enti, merennane mʼabufuo.Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ sedwerɛɛ Gilead.
Mɛbubu Damasko apono,na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu none deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Deɛ Awurade seɛ nie:“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo no.Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommumna ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.
Mɛsɛe Asdod ɔhene none deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.Mɛdane me nsa atia Ekron,kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Deɛ Awurade seɛ nie:“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Ɔfaa ɔman mu no nnommumna ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ,a wankae onuadɔ apam.
Deɛ Awurade seɛ nie:“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Ɔde akofena taataa ne nua,a wannya ayamhyehyeɛ biara.Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛna obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,ɛno enti, merennane mʼabufuo.Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mude trɛɛ nʼahyeɛ mu.
Mede ogya bɛto Raba afasuo muna ahye nʼabanwɔ ɔko da mu nteateamne ahum da ntwaho mframa mu.