Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Yoɛl Nwoma 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Yoɛl Nwoma 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Saa nna no mu,mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.

ASCB: 2ASCB

Mɛboa aman nyinaa ano,na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu.Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛnwɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho,ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so,na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

ASCB: 3ASCB

Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,a wɔbɛnom.

ASCB: 4ASCB

“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.

ASCB: 5ASCB

Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.

ASCB: 6ASCB

Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

ASCB: 7ASCB

“Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.

ASCB: 8ASCB

Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

ASCB: 9ASCB

Mo mpae mu nka yei wɔ aman so:Monsiesie mo ho mma ɔko!Monkanyane akodɔm!Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.

ASCB: 10ASCB

Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena,na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea.Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ,“mewɔ ahoɔden!”

ASCB: 11ASCB

Monyɛ ntɛm mmra,mo amanaman a moatwa ahyia,mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ.Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!

ASCB: 12ASCB

“Wɔnkanyane aman no;wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu,ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtenana mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

ASCB: 13ASCB

Monhwim kantankrankyi no,ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so.Mommra, montiatia bobe no so,ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ mana ankorɛ no ayɛ ma abu so.Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”

ASCB: 14ASCB

Nipadɔm, nipadɔmwɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛnwɔ gyinasie subɔnhwa no mu.

ASCB: 15ASCB

Owia ne ɔsrane bɛduru sum,na nsoromma renhyerɛn bio.

ASCB: 16ASCB

Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion,ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem,asase ne ɔsoro bɛwoso.Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ,ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.

ASCB: 17ASCB

“Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn,mete Sion, me bepɔ kronkron so.Yerusalem bɛyɛ kronkron;na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.

ASCB: 18ASCB

“Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu,na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so;Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu,na asutire bɛtue afiri Awurade efie,na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.

ASCB: 19ASCB

Nanso Misraim bɛdane amanfo,na Edom nso bɛyɛ anweatam,ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti.Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.

ASCB: 20ASCB

Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔna Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

ASCB: 21ASCB

Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no,mede bɛkyɛ.Na me Awurade, mɛtena Sion!”