Skip to main content

Scripture

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Berɛsosɛm Nwoma A Ɛdi Ɛkan 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

ASCB: 2ASCB

Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

ASCB: 3ASCB

Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.

ASCB: 4ASCB

Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.Enti Yuda woo mmammarima baanum.

ASCB: 5ASCB

Na Peres mmammarima din deHesron ne Hamul.

ASCB: 6ASCB

Serah mmammarima din deSimri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.

ASCB: 7ASCB

Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.

ASCB: 8ASCB

Na Etan babarima neAsaria.

ASCB: 9ASCB

Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

ASCB: 10ASCB

Ram yɛ Aminadab agya.Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.

ASCB: 11ASCB

Nahson yɛ Salma agya.Na Salma nso yɛ Boas agya.

ASCB: 12ASCB

Boas yɛ Obed agya.Obed yɛ Yisai agya.

ASCB: 13ASCB

Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea.

ASCB: 14ASCB

Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum.

ASCB: 15ASCB

Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.

ASCB: 16ASCB

Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

ASCB: 17ASCB

Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.

ASCB: 18ASCB

Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.

ASCB: 19ASCB

Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.

ASCB: 20ASCB

Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

ASCB: 21ASCB

Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.

ASCB: 22ASCB

Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.

ASCB: 23ASCB

(Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.

ASCB: 24ASCB

Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).

ASCB: 25ASCB

Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛRam (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.

ASCB: 26ASCB

Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

ASCB: 27ASCB

Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛMaas, Yamin ne Eker.

ASCB: 28ASCB

Onam mmammarima yɛSamai ne Yada.Na Samai mmammarima yɛNadab ne Abisur.

ASCB: 29ASCB

Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.

ASCB: 30ASCB

Na Nadab mmammarima yɛSeled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;

ASCB: 31ASCB

na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.

ASCB: 32ASCB

Na Samai nuabarima Yada wooYeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,

ASCB: 33ASCB

nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛwɔn Pelet ne Sasa.Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.

ASCB: 34ASCB

Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa.Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha.

ASCB: 35ASCB

Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.

ASCB: 36ASCB

Atai woo Natanna Natan woo Sabad.

ASCB: 37ASCB

Sabad woo Efial.Efial woo Obed.

ASCB: 38ASCB

Obed woo Yehuna Yehu woo Asaria.

ASCB: 39ASCB

Asaria woo Heles.Heles woo Eleasa.

ASCB: 40ASCB

Eleasa woo Sisemaina Sisemai woo Salum.

ASCB: 41ASCB

Salum woo Yekamia,na Yekamia woo Elisama.

ASCB: 42ASCB

Yerahmeel nua Kalebbabarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

ASCB: 43ASCB

Na Hebron mmammarima yɛKora, Tapua, Rekem ne Sema.

ASCB: 44ASCB

Na Sema woo Raham.Raham woo Yorkeam.Na Rekem woo Samai.

ASCB: 45ASCB

Na Samai woo Maon.Maon woo Bet-Sur.

ASCB: 46ASCB

Na Kaleb mpena Efa wooHaran, Mosa ne Gases.Na Haran woo Gases.

ASCB: 47ASCB

Na Yahdai mmammarima yɛRegem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.

ASCB: 48ASCB

Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka wooSeber ne Tirhana.

ASCB: 49ASCB

Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agyane Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.

ASCB: 50ASCB

Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ.Kaleb Babarima Hur AsefoɔKaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛSobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya

ASCB: 51ASCB

Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

ASCB: 52ASCB

Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛHaroe a ne fa yɛ Manahatini

ASCB: 53ASCB

na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.

ASCB: 54ASCB

Salma asefoɔ yɛBetlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ,

ASCB: 55ASCB

ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.